﻿Nnwom.
15.
Dawid dwom. Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so? 
Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam 
na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa, 
deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo, 
deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da. 
