﻿Ɛsra.
2.
Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 
Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie: 
Dodoɔ a wɔyɛ    Paros abusuafoɔ 2,172 
Sefatia abusuafoɔ 372 
Arah abusuafoɔ 775 
Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812 
Elam abusuafoɔ 1,254 
Satu abusuafoɔ 945 
Sakai abusuafoɔ 760 
Bani abusuafoɔ 642 
Bebai abusuafoɔ 623 
Asgad abusuafoɔ 1,222 
Adonikam abusuafoɔ 666 
Bigwai abusuafoɔ 2,056 
Adin abusuafoɔ 454 
Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98 
Besai abusuafoɔ 323 
Yora abusuafoɔ 112 
Hasum abusuafoɔ 223 
Gibar abusuafoɔ 95 
Betlehemfoɔ 123 
Netofafoɔ 56 
Anatotfoɔ 128 
Asmawetfoɔ 42 
Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743 
Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621 
Mikmasfoɔ 122 
Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223 
Nebo ɔman mma 52 
Magbis ɔman 156 
Elam ɔman mma 1,254 
Harim ɔman mma 320 
Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725 
Yeriko ɔman mma 345 
Senaa ɔman mma 3,630 
Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973 
Imer abusuafoɔ 1,052 
Pashur abusuafoɔ 1,247 
Harim abusuafoɔ 1,017 
Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:    Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74 
Nnwontofoɔ:    Asaf abusuafoɔ 128 
Aponoanohwɛfoɔ:    Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ    Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139 
Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, 
Keros, Siaha, Padon asefoɔ, 
Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, 
Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, 
Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, 
Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, 
Usa, Paseah, Besai asefoɔ, 
Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, 
Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, 
Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, 
Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, 
Nesia ne Hatifa. 
Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, 
Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, 
Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami. 
Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392 
Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne: 
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652 
Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) 
Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 
Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. 
Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 
a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 
Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 
nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ. 
Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 
Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ. 
Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so. 
