﻿Nnwom.
100.
Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa. 
Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim. 
Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. 
Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 
Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so. 
