﻿Nnwom.
88.
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae. 
Ma me mpaebɔ nnu wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. 
Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owu. 
Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no; mete sɛ obi a onni ahoɔden. 
Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu, te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. 
Woatow me akyene ɔda ase tɔnn, wɔ sum kabii mu. 
Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 
Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan; 
awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. Awurade misu frɛ wo da biara; metrɛw me nsam kyerɛ wo. 
Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana? 
Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu, anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana? 
Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum, anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana? 
Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu. 
Adɛn, Awurade, na wopo me na wode wʼanim hintaw me? 
Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw. 
Wʼabufuwhyew abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me. 
Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri, na wɔabu afa me so koraa. 
Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ; na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ. 
